kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – wo dansefoɔ كلمات اغاني

Loading...

kwa appiah wo anansesɛm yi deɛ ɛyɛ dɛ paa
(medaase medaase)
menso mepɛ sɛ meka awensɛm bi kyerɛ wo
(yoo ma no nkɔ ɛ yɛtie wo ma no nkɔ)

meyɛ soronko meyɛ soronko meyɛ soronko
megye to mu sɛ meyɛ soronko
me ho yɛ den meyɛ tuntum m’ani hyerɛn sɛ ewia na me ho nso yɛ fɛ
obiara nni hɔ a ɔte sɛ me
nti megye to mu sɛ meyɛ soronko
mo mo mo mo mo mo
ɛnyɛ dɛ ɛnyɛ dɛ ɛnyɛ dɛ
ɛyɛ dɛ paa ɛyɛ dɛ ɛyɛ dɛ
woyɛ soronko ampa woyɛ soronko
obiara yɛ soronko
ɛyɛ dɛ

ɔtrofoɔ na ɔsee ne danseni wɔ aburokyire
na wobɛka ama yɛatie
agye waba afiri aburokyire
wo ara hwɛ

mate sɛ wonenam ɛkeka me ho nsɛm
sɛ neɛ mewɔ nyinaa ara efiri wo nsam
nyɛ wo na wo faa mе ɛsɔɔ me mu maa me dabrɛ a anka meda fam
kyеrɛɛ obiara sɛ menni abakɔsɛm ntorɔ a wodie nyina ara ɛka sɛn
wosee ɛnyɛ wo na wotoo hann ma eguu me so
ma obiara hunu me a anka maka dan mu
waka sɛ wamma a anka meda adagya si dua so wei nyinaa abufusɛm
wosan sɛ wo na wohyɛɛ me dwa san buee m’ani kyerɛɛ me nyame
dabiara yɛ ɔko, kɔm ne yare fitaa na ɛyɛ tumm yɛ bɔne
wosan sɛ wo na woredi kan nyame bɔ wo ansa madi so
woanya mfasoɔ efiri me so nso wosee me so nni mfasoɔ saa
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene

wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene

asase wobɛto ɛ wɔ me kurom’ daada
na wosee woanya nti wobɛgye ho toɔ
nneɛma efiri me nkyɛn na wopɛ bi de ayɛ w’adeɛ
na wosee wobɛhyɛ boɔ

w’asɛm a woreka yi ɛreto nkotokranee nkotokraneei
ayi afa nkyɛn afa wo ho adi yi
sɛ metena ase sɛ metena ase na meka si a ɛnsi ani nkyerɛ mu yie
na wo nkonta yi nsi so ani so so
worekyerɛ me sɛ wogye me nkyɛn aduonu mmaako mmaako aduosia
woka bɔ mu a ɛyɛ du_mmienu
wo ho yɛ hu nea atetetɔ nie nsuo de kɔ woanfa anka ho
worekeka sɛ me na me yɛ ɛdɔm k_maa me deɛ nyinaa yɛ nomee nti
me nkwa nyinaa mɛsom wo daa
na wokaa sɛ mente da
nea woadane dane menhunu da
wontrɔ nyinaa mahunu atra
nea me dea yɛ me dea
nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ
pii a woanya nyɛ wo deɛ
sɛ meboa kyerɛ adanseɛ
mewɔ mmerɛ meretwɛn
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene

wo dansefoɔ wɔ hene ɔmmra mmɛdi adanse krumuu
wo dansefoɔ wɔ hene wamma a ɛnnɛ mɛyi wo to eii
wo dansefoɔ wɔ hene ɔmmra mmɛdi adanse krumuu
wo dansefoɔ wo dansefoɔ wo dansefoɔ wɔ hene

wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo dansefoɔ ɔwɔ hene
wo da wo da wo da wo dansefoɔ ɔwɔ hene

eii wo dansefoɔ eii wo dansefoɔ wo dansefoɔ eii wo dansefoɔ
eii wo dansefoɔ eii wo dansefoɔ wo dansefoɔ eii
wo dansefoɔ ne hwan

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...