kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – meka ho bi woka ho bi كلمات اغاني

Loading...

m’ani da akyiri_kyiri
nanso na mennim sɛ mete so o
monhwɛ kyin a makyin
manhwɛ me mpoma mu ne m’afikyire o
meka ho bi ee meka ho bi ee
meka ho bi ee meka ho bi ee
menka nyi me ho mfiri mu meka ho bi ah
menka nyi me ho mfri mu meka ho bi ah

there’s no post_mortem needed to tell you’re part of the problem
there’s no post_mortem needed to tell i’m part of the problem
me ka ho bi
wo ka ho bi
yɛ ka ho bi
me ka ho me ka ho me ka ho me ka ho me ka ho bi

hwɛ me nneyɛɛ medɔ ɔhɔhoɔ sen me nua
meka nsɛm me nua akyi de sɛe me nua
m’animuonyam nyinaa matɔn madi
makɔ yɛ nsa bɔne a meretwe kuo no asan m’anum asɛm bɔ man
megye to mu sɛ meyɛ adwaman
wo ara hwɛ sɛ nea madwedwa man yi
afa wei ne afa wei nka mafa wei mafa wei ma ɔman ne bɔ ka
hwɛ me nneyɛɛ meyɛ bɔneayɛ
nea nyame ayɛ ama me nyinaa akyi yi
sika nti medaa menna ma ɛrete m’apɔmuden so
ɛne sɛ mayɛ kodwoo gu ha yi
mekae paa na menim yɛ o nanso ɛbaa no sɛn
yɛagyaa me nyansa ne agyapadeɛ nanso ɛnnɛ mesrɛ na madi
sɛ mɛdi bi ama me nua adi bi nti abɛ bɛwu deɛ nka cocoa nwu
nea ɛyɛ ma me nyinaa matwa
ma agu ma menam akwantifi pɛ anidasoɔ
mekɔsraa me nana akyɛ ɔmmɛhwɛ nea mayɛ me tiri ho
nea asi beberee mente aseɛ nanso memmisa na yɛakyerɛ me mu
ahummɔbrɔ asa m’akoma mu ma ɔdɔ nso asa
awudie mframa na metoɔ me nko ara ne ɔnetiefoɔ
asisie ho mfasoɔ na me de asiesie me ho
magye agye_agye no asase mpo hɔ
woanya bi a masɔ gya n’ase ma biribiara ahye wɛɛ
ei agya na ɛredɛ sei
nwusie k_moo te ɔdasani homee
nsuo a yɛbɛnom nyinaa ani asen menim nea asiieɛ
masunsan nea ɔreba daakye mu
efiri sɛ ɔnni me deɛ mu deɛ ɛmfa ho
me paa deɛ meka ho bi meka ho paa bi
me deɛ menka ho

woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ
woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ
woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ
woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ woka ho bi sɛ

ah woka ho bi sɛ wosee meyɛ adeɛ nso wommoa me
wose ne nnwom no aba nni mu nso ɛno ara na worebɔ
ɔdwomtofoɔ wo anum asɛm ɛne wo nneyɛɛ nsɛ
yɛtie wo ara woredi yɛanim ade yɛnkɔ amena mu
sika nni mu nti wosee ɛho nni mfasoɔ
woka ho bi sɛ yɛdi dwa na woyi faa m’akyi na wofi sɛ menhunu
megye wo atenaseɛ nso wonkae mesee
woka ho bi sɛ wodeba mayɛ hwɛ
adi adanse krumuu mayɛ gyidi na yɛtɔ
woka ho bi sɛ wogye agyinamudeɛ ma bɔne sen
ɛsom nyame bi a ne biribiara nte sɛ wo
wasom basil asom roman asom nkramo
nso nea wo nana de gyaa wo wosee wonsom no da woka ho
woka ho bi sɛ wogye gyina mu ma
ɔsɛefoɔ ne nhyehyɛɛ ma yɛtuu nkrumah
amanyɔsɛm nti wokeka sɛ bɔne a ɛne papa
woka ho sɛ wogyee sika na wotoo ma noɔ
woate me ho asɛm wɔ m’akyi nanso ɛhyɛ wotiri mu
woka ho sɛ me tiri_nhwi nti wontɔn ma me woka ho
woka ho bi sɛ yesee yɛdɔ yɛn ho a
ɔdɔ a ɛda yɛn ntɛm yi woafa ama wo nko ara
woka ho sɛ woatu wo ani ade asi me so
atwe etuo ɛne agyan ɛde asi me so
aku me nua ɔdi anim ma ne tɔ me so
ɛbɔ me kra ehu ma mekaa me to so woka ho
woka ho sɛ nyinsɛn baaeɛ woangye
wosee meka twi deɛ na ɛkyerɛ sɛ m’ani ato
adɛn woabo
woka ho sɛ dabiara na wo nko ara
agye akonnwa kwan mu worenkɔ na yɛaba
afee na worete me dwom nso koraa wo woka ho
m’apaawa baako no wonteeɛ a woka ho
woate aseɛ annu wo ho nso koraa woka ho
me papa kwabena sae ee wo koraa woka ho
mo nyinaa
woka ho sɛ dabiara na wo nko ara
agye akonnwa kwan mu wonkɔ na yɛaba
mo deɛ monka ho na mobɛyɛ deɛn na moaka ho
neɛ yɛakyerɛ mo na moasua
yɛagyae yɛn ho ma nneɛma nyinaa adi atia yɛn ma adi atia mo nso
ɛnnɛ wohwɛ ewiase afanan nyinaa a
obibini na ɔnni animuonyam
esane sɛ yɛatɔn yɛn din ɛne yɛn hyɛbrɛ adi
(kwa appiah nti wei nyinaa ɛbaa ne sɛn)
wodi bisa ɛbaa ne sɛ yɛn panyinfoɔ hyehyɛɛ biribiara wɔ n’akwan mu
wɔsee nyansa nya bi ansa anaa agye sɛ woanya bi ansa
abranteɛ ɔbra anteɛ ɔbra a mpayinfoɔ bɔ no ɔnte aseɛ ɛno nti wobra no biribiara mu a ɔnte
akokora nso kora_kora fie ma no yɛ yie
akatasia yɛ ɔbaa a wakata ne ho asie ama n’awareɛ
aborɔfo yɛ aboro foɔ
yɛde bayie ɛyɛ ba yie
(ei)
mmm nansa yɛ nna mmaako mmaako mmeɛnsa
akrɔbɛto nso yɛkɔ bɛto no yɛkɔkɔkɔkɔ a yɛbɛsan abɛto no
(na abofra nso asekyerɛ ne sɛn)
abofra abrofa nso yɛ nea yɛabɔ no afra mmoa
(oh)
saa nipa wei no ɛyɛ a ɔweawea fɛm sɛ aboa
sɛ ɛyɛ a mohunu mmofra
(aane)
wotie no yie a na biribiara da hɔ pɛpɛɛpɛ
ne nteaseɛ mu ɛne ne nyansa mu
ɔgyaa yɛn nhyehyɛɛ pa a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi atena wiase ha
nanso suatra ne sika anibere nti yɛn nneɛma nyinaa ayɛ basaa
ɛnnɛ abofra nnim ne nkyi na woahunu n’anim kwan esane sɛ biribiara adane abutu
(hmm)

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...