kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – asɛm a esii kɔyɔbɛda (mmienu) كلمات اغاني

Loading...

nti ɔbaa sɛ ɔbɛyi nam no na wasan akɔ
ohhhh agya sebɔ anyɛ adeɛ
ɛnti ananse bɛgye ɛnam no afiri ɔsebɔ nsɛm
hmmm ɛsane sɛ na ananse suro sɛ ɔsebɔ bɛwe no nti
ɔtɛɛ hɔ kodɛɛ hwɛɛ sebɔ ma no yii nam no kɔɔ fie
ooh
nanso sɛ mo ara monim ananse nyansanii
ɔfaa ne ho adwene na ɔkaa sɛ ɔbɛkyerɛ sebɔ paa

wo deɛ yɛntoa so na yɛnhwɛ neɛ asɛm no bɛkɔ akɔsi

ɛnti ananse tɛɛ hɔ dinn
ɔsuro sebɔ nti no wanyɛ ankeka ne ho koraa
na waba abɛkye no awe
ɔsebɔ de anigye kɔyii aboa no afidie no mu
seree sɛ nkwan mu bɛyɛ hwam
ananse de abufuo kɔ kyerɛɛ odikro
sɛ n’adeɛ ayera neɛ wafa wanfa amma a ɔnpene
osuro sebɔ nti no wantumi ammɔ ne din
ma nana hyɛɛ sɛ yɛnkɔbɔ dawuro nkyerɛ kuro mma no nyinaa
nansa bɛtwaa mu kɔ wante ɔsebɔ nka
nnawɔtwe mmienu bɛtwaa mu nso a wante ɔsebɔ nka
na ananse nim paa sɛ ɛyɛ sebɔ na ɔkɔtɛ yi ne nam no aberɛ nyinaa
nso deɛn ne adanseɛ
ɔde ka too ka so kɔkyerɛɛ mpaninfoɔ sɛ
ɛyɛ sebɔ na wafa nti wɔregye n’adeɛ
nti wɔfrɛɛ sebɔ ma ɔno nso bɛyii n’ano
ma no bɛhane_hane n’ani kaa sɛ ɛnyɛ ɔno
na afei deɛ neɛ ɛrekɔ yi deɛ
asɛm no ɛyɛ adane afa baabi a ananse mpɛ
nananom ɛbɛsɔ mu dea na ɛgye sɛ adanseɛ
ananse see asɛm yi ɛnyɛ adeɛ a ɔno bɛte aseɛ nti ɔnteaseɛ
sɛ mo nyinaa nim dada ananse nyansani
wawe ataa so yi deɛ na kyerɛ sɛ wafa ne ho adwene
ɔyɛɛ sɛ ɔbɛpɛ kwan bi apa sebɔ ho ntoma
na ma kuro dua no nyinaa ahunu sɛ ɔsebɔ anyɛ adeɛ
nti ɔbɔɔ ko nansa kɔhyɛɛ kwaeɛ mu kyeree aboa
ɔnyaa mmerɛ de aboa no summ afidie twɛn ɔsebɔ
ɔtuu amena donko_donko twaa afidie ne ho twaa berɛ
de kataa amena no so kɔtɛɛ afei twɛnn sebɔ
na ɔtɛɛ hɔ tɛɛ hɔ twɛn sɛ ɔsebɔ bɛba
nso ɔsebɔ wamma ama no hyɛɛ aseɛ paa aba
nso ɔdaa so tɛɛ hɔ ara na ɔsebɔ twee ne ti
na ɔsebɔ tu ne nan neɛ ananse bɛte
agyeiiii
yɛnim no o yɛnim no o
kweku ananse kweku ananse
kweku eii nyansa wura
yɛnim no o yɛnim no o
kweku ananse awaku ananse
kweku eii nyansa wura

afei deɛ sɛ yɛn nyinaa ahunu baabi a asɛm no kɔsii ɛ
mmmm
ɔsebɔ anka nokwrɛ ɔno nso a wannyae ananse nam no yi
nti akyire no animguaseɛ na ɛkaa no
nti ananse bɛyi ɔsebɔ afiri amena no mu
daabi da daabi
ananse kɔbɔɔ amaneɛ wɔ ahenfie ma kuroman no nyinaa bɛhunuu ɔsebɔ
ɔsebɔ anim guu ase na obiara kaa sɛ ɔsebɔ anyɛ adeɛ
ooh ɔsebɔ
wannyɛ adeɛ wannyɛ adeɛ koraa
na yɛn nyinaa mma wei ntɔ yɛn tiri mu
adeɛ a ɛnyɛ wo dea no wo tintim so fa a ɛnwie wo yie
na wo anim bɛgu ase sɛ neɛ ɔsebɔ anim guu ase no
yoo kwa appiah

ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa
ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa
ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...