kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – asɛm a esii kɔyɔbɛda (baako) كلمات اغاني

Loading...

bankye bankye bankye
bankye bankye bankye
bankye yɛde wɔ fufuo
bankye yɛde yɛ gari
bankye yɛde yɛ mmɔre bankye
bankye bankye konkonte bankye
bankye bankye konkonte bankye
bankye bankye bankye
bankye bankye bankye
bankye yɛde wɔ fufuo
bankye yɛde yɛ gari bankye
bankye bankye konkonte bankye
bankye bankye konkonte bankye
bankye bankye konkonte bankye
bankye bankye konkonte bankye
konkonte bankye

ahaa kwa appiah annaano wokaa sɛ wobɛto anasesɛm akyerɛ yɛn
ampa ampa wei deɛ anka me werɛ yɛ afiri mo m’awuraa medaase sɛ woakae me
ampa mekaa sɛ mɛto anansesɛm akyerɛ mo nti ɛnnɛ mɛto akyerɛ mo
menka mo asɛm bi a esii kɔyɔbɛda
monim kɔyɔbɛda
(daabi)
yoo ɛnneɛ yɛntie ɛ
anansesɛm se sɛ
(yɛsesa soa wo)
anansesɛm se sɛ
(yɛsesa soa wo)
ɛmmerɛ bi a akyɛ_akyɛ akyɛ_akyɛ bi
na yɛfrɛ kuro bi kɔyɔbɛda
na saa kuro yi na kweku ananse ne n’abusua ɛte so
anansesɛm se sɛ oo sɛ ɛso me ara
anansesɛm se sɛ oo sɛ ɛso me ara
kuro ketewaa bi na yɛfrɛ no kɔyɔbɛda
hɔ na agya ananse ne n’abusua
bɔ wɔn apata ne yere ɔɔkɔnɔreyaa
wɔn mma afudehweehwee nankɔnhwea ɛna etikelenlee te
wɔbɔ bra na wɔyɛ afuo kakra ɛwɔ wɔn afikyire
wɔpɛ nam a na kweku akɔhwɛ ne mfidie mu
kɔsii sɛ mmerɛ bi baa kweku kɔ a
aboa no apere_apere atumi ayɛ a agye ne ho ɛwɔ ne mfidie mu
na ɛtɔɔso mmienu na ɛtɔɔso mmeɛnsa
na ɛma kwaku dwene saa
ɔtena ase hunu sɛ na afidie ne mu ayɛ mmrɛ
ɛnti ɔkɔ miaa mu na ɔsan kɔ yɛ kɔ sum
na adeɛ kyeeɛ ɔnkɔ hwɛ a ɛnnɛ nso biom
ɔbɛyɛ dɛn akɔ fie na ɔbɛpue a ne nsa pan
kweku gyinaa dwene ho adwene ho adwene ho
asɛm ne ho adwene_adwene nti adeɛ sa koraa ɔnna
neɛ ɛsisi yi deɛ ɔgyedi sɛ ɛnyɛ kwa
nti ɔbɛpɛ kwan bi na wayɛ ade asi ano
kwansini na esii ne tirim’ sɛ
ɔnpɛ mmerɛ nkɔtɛ na ɔnhwɛ sɛ neɛ aboa no tumi gye ne ho kɔ
ampa ara ampa ara ɔtamm n’afidie kɔsumm yɛ pɛɛ onyina bi akyi kɔtɛɛeɛ nyaa mmerɛ twɛnn yɛ kɔsi sɛ
ɔtɛ hɔ saa ɔbɛte fee_fee
na fidie no asɔ aboa bi nan ɛma no pere_pere saa
ɔntwa n’ani a ɔsebɔ na watwe ne ti tafere n’ano asɛm aba ɛnnɛ deɛ ananse bɛyɛ dɛn ni
kweku ananse bɛyɛ dɛn ni
kweku ananse bɛyɛ dɛn ni
ɔsebɔ bɛwe no o ɔsebɔ bɛwe no o
kweku ananse bɛyɛ dɛn ni
ɔsebɔ bɛwe no o ɔsebɔ bɛwe no o
kweku ananse bɛyɛ dɛn ni

nti ɔsebɔ bɛwe kweku ananse anaa
daabi ɛnyɛ ananse nti na ɔsebɔ baaeɛ
sɛɛ na ɛyɛ ɔno na dabiara ɔyi nam no firi ananse afidie ne mu no
eiii
hmm

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...