kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – akwasi كلمات اغاني

Loading...

wobaa bɛsɔɔ gya o na akwasi ei woammɛhwɛ nkwan mu
nti ɛba no sɛn na woredi me aduane ei
wobaa bɛsɔɔ gya o na akwasi ei woammɛhwɛ nkwan mu
nti ɛba no sɛn na woredi me aduane ei
me nananom kyee kɔm me nananom t__tee
nso woamen de bi resie

m’adeɛ bi a ɛyɛ me deɛ afiri me nsa
m’adeɛ bi a ɛyɛ me deɛ afiri me nsa
m’adeɛ bi a ɛyɛ me deɛ afiri me nsa atɔ nsuo mu afiri me hyeɛ so
biara me nsa bɛka
wo adeɛ biara ɛyɛ wo deɛ afiri wo nsa
wo adeɛ biara ɛyɛ wo deɛ afiri wo nsa
wo adeɛ biara ɛyɛ wo deɛ afiri wo nsa atɔ nsuo mu afiri wo hyeɛ so biara wo nsa bɛka

nea adeɛ yɛ ne dea na ɔdie nyɛ neɛ ɛkɔm de no
na adeɛ ɛnyɛ wo dea na wodie wo adwene mu tenee wo
nea adeɛ yɛ ne dea na ɔdie nyɛ deɛ ɛkɔm de no
na adeɛ ɛnyɛ wo dea na wodie wo adwene mu tenee wo
me nkrabea wagye na mese mesee me kasa woagye
na woagye
me hyɛbrɛ wagye na afei nso m’ahoɔden woagye
na woagye
me sunsum wagye na mese mesee m’abosom woagye
na woagye
me nimdeɛ wagye na afei nso me nsase woagye
na woagye
oh akwasi oh na adɛn oh akwasi
oh oh na adɛn oh akwasi oh na adɛn
oh akwasi oh oh oh na adɛn

mfie ahanum no abɛsen atwa mu nti efiri ɛnnɛ rekɔ yi akwasi nndi bibini so

wobaa bɛsɔɔ gya o na akwasi ei woammɛhwɛ nkwan mu
nti ɛba no sɛn na woredi me aduane ei
wobaa bɛsɔɔ gya o na akwasi ei woammɛhwɛ nkwan mu
nti ɛba no sɛn na woredi me aduane ei
me nananom kyee kɔm me nananom t__tee
nso woamen de bi resie
matena ase ahunu adwen_dwene ho wo mmerɛ aso ntɛmtɛmtɛm
hohoro wo nsa na wo hyɛn a wode baaeɛ retwɛn wo
ne tiatia mu ne sɛ megye me din agye me nsaase agye me nimdeɛ afiri wo nsam’
na woadidi me ho akyɛ
eiiii akwasi eii esum aduru wo o
na awia nni wo kuro mu yi wobɛyɛ dɛn nie
eiiii akwasi eii wo mmerɛ aso o
wo mogya ani ɛmmrɛ nti w’ase bɛhye wɛɛ

oh akwasi oh na adɛn oh akwasi
oh oh na adɛn oh akwasi oh na adɛn
oh akwasi oh oh oh na adɛn
oh akwasi oh na adɛn oh akwasi
oh oh na adɛn oh akwasi oh na adɛn
oh akwasi oh oh oh na adɛn
mfie ahanum no abɛsen atwa mu nti efiri ɛnnɛ rekɔ yi
bibini biara de ne ho

efiri sɛ yɛ hwɛ mu hwɛ mu hwɛ mu hwɛ mu hwɛ mu hwɛ mu hwɛ mu
akane tete brɛ so ne mmerɛ bi a aba atwa mu
abenfo abayifoɔ ne mu nwomanimfoɔ
akyini asase yi so atwerɔ mu abakɔsɛm ato hɔ
nti yɛnbu yɛn kɔn nkɔ akyire nhwɛ ne mfitiaseɛ
nimdeɛ twerɔ ne akenkan tɛkrɛma so kasa
wɔn nyinaa akakye paa ara ne abibiman mu ha yi ara
agorodie nnwomtoɔ nyansa krɔkrɔɔ
ɔsom mu ahintasɛm fapem noaa wofa pɔ de si ɛpɔ ani a na efiri ha

me nhini ahoɔden yi wo ani bere me oo
wo ani bere me aaa
me nsaase a ɛso aba yi w’ani bere oo
wo ani bere aaa
me nhini ahoɔden yi w’ani bere me oo
wo ani bere me aaa
me nsase a ɛso aba yi w’ani bere oo
wo ani bere aaa

nti na wobaaeɛ de tuo na wobɛtoo bɛhyɛɛ me so
na wokyee mmranteɛ ne mmaa a wɔn ho sisi wɔn ho so
nti na wotoo nkɔnsɔnkɔnsɔn a emu yɛ duru guu me so
de me sii wo hyɛn so yii me firii me man so
nti na wo baaeɛ bɛsesaa nneɛma pa a ɛyɛ me dea
na wosee m’akwan ɛne m’amammerɛ mentwa ngya
nti na wo kyerɛ me sɛ mennɔ wo na mentan me ho
wo ne han na ɛsɛ me ne sum na ɛyɛ pɛ
nti na wosesaa me din ɛde wo deɛ too me so
na m’abakwasɛm nyinaa woadane no afa
nti m’agyapadeɛ nyinaa wode nkrataa asesa
na wode abɔ me bosea ma ɛɛnɛ mede wo ka
nti na woahyehyɛ sɛ wode ehu na ɛbɛhyɛ me mu
na m’ahoɔden ne m’animuonyam mɛntumi anhunu
nti na woaka ntam sɛ wode wo nyame bɛdua me mu
na woatumi adi me so kɔsi sɛ mɛyɛ awu
mfie ahanum no abɛsen atwa mu nti asɛm wei bibini biara aso bɛte
oh akwasi oh na adɛn

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...