kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – agyapadeɛ كلمات اغاني

Loading...

uh hyuphyu uh hyuphyu uh hyuphyu uh hyuphyu
uh hyuphyu uh hyuphyu uh hyuphyu uh hyup
mewɔ asɛm bi ka nanso m’ano awu uu ye uu ye ei
asɛm bi ka nanso m’ano awu uu ye uu ye ei
ɛhe na menhyɛ aseɛ mfa mfiri
ɛhe na mentoaso mfa nsi
sɛnneɛ merennyae biribiara nti
asɛm bi ka nanso m’ano awu uu ye uu ye ei
asɛm bi ka nanso m’ano awuuuu
hu

ɔsee mehwɛ atifi a, menhunu
ɔsan see mehwɛ anafoɔ a, menhunu
ɔsee mehwɛ apueɛ a, menhunu
ɔsan see mehwɛ atɔeɛ a menhunu
agya kɔɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi nanso ɔde hintaa me
ɔsee wohwɛ soro hwɛ fam
hwɛ nifa benk_m, na woanhwɛ wo mu, ɛno deɛ wonhunu
wohwɛ soro hwɛ fam ɛhwɛ ntakra mu
na woanhwɛ wo nsam’ ɛno nso wonhunu
iiii ɛdeɛn na woafefɛ na woakɔso kurotia kɔso kurotia abisa obiara ahwɛ babiara nso worenhunu yi
mehwehwɛ m’agyapadeɛ
iiii wosee wo din de sɛn wo kra din ne dɛn ɛhe na wo agya firi ɛhe na mebisa wo a worenhunu yi
me hwehwɛ m’agyapadeɛ
iiii wonim wo kurom hene din wonim wo hene nkonnwa din
afahyɛ din na mebisa wo a worenhunu yi iii
wo kraboa ne dɛn wo yɛ bretuo anaa asona
wodi adeɛ agya adeɛ anaa sɛ ɛna
woyɛ asakyiri anaasɛ agona
ntɔn bɛn na wobɔ ntɔn bɛn na wobɔ
wo ani ayɛ wo yayaa yi ntɔn bɛn na wobɔ
meyi wo mmrane a wonte ntɔn bɛn na wobɔ
wo kraboa ne deɛn woyɛ ayokoɔ anaa aduana
wo akyiwadeɛ ɛne deɛn saa na manka
woyɛ asene anaasɛ ɛkoɔna
asɛ woadi agu asɛ woadi agu
wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ ɛnneɛ woadi agu
wobɛyɛ dɛn anya wo agyapadeɛ eyi deɛ woadi agu
asɛ woadi agu asɛ woadi agu
asɛ woadi agu asɛ woadi agu
wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ a ɛnneɛ woadi agu
wobɛyɛ dɛn adi wo wɔfa adeɛ eyi deɛ woadi agu
asɛ woadi agu
asɛ woadi agu
wo agya na ɛse mense wosɛ
wagya wo honam mu ahoɔden
sunsum mu nso woahyɛ wo den
asase pa ne so agudeɛ
aduane haha a ɛsa yareɛ
wayɛ wo asase so aheman mu
na agya rekɔ no ɔgyaa wo adeɛ
emu ahodoɔ na ɛso wo so
ɛsan sɛ n’ani kɔ wo ho wokyɛfa na ɛsom bo
nanso woahwere wo ahyɛnsodeɛ nti wonnya wo agyapadeɛ

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...