kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

bernice offei – n’ dwom ara kwa كلمات اغاني

Loading...

nyame aguama
wode wo nkwa to hɔ ma me
me nsɛ na menfata ɔdɔ

wodɔ me yi
nyame aguama
wode wo nkwa to hɔ ma me
me nsɛ na menfata ɔdɔ
wodɔ me yi

sɛ me hwɛ m’asetena yi
w’adom nti na metease yi
sɛ medwen wo dɔ yi ho a
mentumi tease da
ɛnyɛ wo a anka nnɛ
mɛyera wɔ wiase yi mu
sɛ me hwɛ m’asetena yi
w’adom nti na metease yi
sɛ medwen wo dɔ yi ho a
mentumi tease da
ɛnyɛ wo a anka
agya mɛyera wɔ wiase yi mu

w’ama me tumi kɛse wɔ ɔtanfo no so
m’ayɛ nkunimdifo wɔ me bibiara mu
w’ama me tumi kɛse wɔ ɔtanfo no so
m’ayɛ nkunimdifo wɔ me bibiara mu

sɛ mesɔre anɔpa
wo mmɔbrɔhunu atwa me ho ahyia
me nantew nyinaa ara mu
wobɔ me ho ban
w’adom ara kwa, nnɛ m’anya anidaso
sɛ mesɔre anɔpa
wo mmɔbrɔhunu atwa me ho ahyia
me nantew nyinaa ara mu
wobɔ me ho ban
w’adom ara kwa, nnɛ m’anya anidaso

sɛ mehwɛ m’asetena yi mu
w’adom nti na mete ase yi
sɛ medwen wo dɔ yi ho a
mentumi ntease da, agya
ɛnyɛ wo anka nnɛ
mɛyera wɔ wiase yi mu

sɛ mesɔre anɔpa
wo mmɔbrɔhunu atwa me ho ahyia
me nantew nyinaa ara mu
wobɔ me ho ban
w’adom ara kwa, nnɛ m’anya anidaso
w’adom ara kwa, nnɛ m’anya anidaso
w’adom ara kwa, agya nnɛ m’anya anidaso
w’adom ara kwa, nnɛ m’anya anidaso
w’adom ara kwa nnɛ m’anya anidaso

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...