kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

pure akan – bɔkɔɔ (feat king ayisoba) كلمات اغاني

Loading...

adesoa yi mu eduru adesoa kuntann
adesoa a me na ne m’agya mpo antumi ansoa
saa adesoa yi na abɛdan me yi
nti amirika na mentumi ntu a mɛnante
nanteɛ na ɛden a mɛwea
na mɛkɔ akɔsi sɛ mɛduru fie
ama mekɔn mu adwo me

me kuromufoɔ eii yiee
me kuromufoɔ eii yiee
ɛyɛ mea kwa appiah na mekasa yi
sɛ monim sɛ yɛnsa anka a yɛnnyae yɛn nsam trɛ
mo ne me yɛ adwene deɛ a yɛn nyinaa mfa wei ntwa yɛn nan ase ɛ
yie

wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

(baaba de)
hyubidum hyubidum hyubidum baaba de
me nua dɔfo a woretie me
woadwene ho ahunu sɛ nsuo atɔ abo wo nso wo ho ampa
ewia abɔ gyregyre ne nyinaa akyire woafa mu nso anhye wo
asisifo aka wo ahyɛ adi wo so ango wo
woakɔ hyɛ nkoasom mu adi ayakayakadeɛ
ne adeɛ wompɛ ne atantandeɛ beberee
wo nna ne agya nka wo ho wo nko ara woatumi ahwɛ wo ho
nneɛma wode abɔ wo bo yɛka a wei deɛ ɛnso wo so ɛnso wo so esua
hmm woadi bi ɛpo asorɔkye nso woafa bi
ɛfuo mu asaawa yi woate bi ɔbra mu nsɛm a yɛnka yi
nti na akɔmfo woahyɛ bi nanso ɛno nyinaa akyi
wo da so a gyina pintinn botan so wo nan tintim
nti nea ɛtumi wo a ɛt__tee wo a na ɛretwe wo fam
na ɛretwe wo asan
wobɛtwi afa ne so wobɛko agye wo ho akɔ wo anim
woasan a ɛsan wo san de abɔ pitri
wiase nyinaa dan wo mekaekae wo
ɛnkaa akyire ɛnkyɛ wobɛduru asoɛe
ɛno nti no tintim wo kahyire
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

(wo ara o wo ara)
ɛnsu na ɔbra deɛ saa
wo ara biribiara gyina wo ara oo wo ara
woantintim a ɛka wo ahwe
mmerɛ biara nni hɔ na woaka sɛ wei deɛ mereka ahwɛ gyae
mfomsoɔ woayɛ nyinaa nnamfo a woadi akyire na ankɔ yie
nea wode wo werɛ hyɛɛ mu
na wogye too mu na akyire yi ayɛ wo sete
mɛnyɛ wo ho a bronsam
na babiara nnwoeɛ na baabi a adwo no nso nyɛ dɛ
kae sɛ obi nyaaeɛ anka nea wo nyaaeɛ anka no ɛsom bo deɛ
me ne wo a anka mɛhwɛ so afa m’anim kwan
ahyɛ me ho den mayi m’adwene afiri kwantia so
mfa me ho nto nto obi deɛ ho koraa
nyame sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɔbɛma wo adesoa ɔnim sɛ wontumi nsoa
nti wo adesoa mu aduru a na ɛkyerɛ sɛ wo ahoɔden dɔɔso
nti woabrɛ a home so ɛyɛ toaso ma wo ti so
mɛnhwɛ wo nan ase a ataetae
ma wo mu so na fa no mmako mmako na gyae sɛ wogyina faako
akwaaba kɔ ma nea wakɔ aba
nti sɛ worepa aba a kae sɛ worennuru a da
nanso ɛmma saa da wofa no kakrakakra
nea wo ho bɛso a wobɛdru wo tenabea
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

fonwɛ
ado yoo
la nare ti fo china finfii finfii finfii finfii finfii finfii
la wen ana se’em se’em
ho wan paa beeseka enare tifu paake
ho wan paa beeseka enare tifu paake
dakabela nongre
nongre dage kalam kalam
kalam kalam kalam kalam
ho mise

yaaba ma wa yaba seum bala awabala apoge
sabela wo babala teterana

nanso kaa wo ho ɛ ka kaa wo ho ɛ
mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ
mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ
mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ
mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ
wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ
nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ
na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

na nyinaa mu no agya onyame na yɛda no aseɛ
yɛda no ase sɛ wakyɛ yɛn nkwa
ɔno nko ara na yɛdan no yɛn deɛ yɛn ahoɔden nso
na mereka mereka yi na mereka akɔsi sɛn mereka akɔsi sɛ
onyame abɔdeɛ nyinaa ɛfɛ ɔbɔɔ yɛn nyinaa yie sɛ ne mma
na yɛakɔyɛ nyame mma yi deɛ na yɛdi adeɛ prɛko pɛ
ɛno mu na yɛwɔ tumii ne ahoɔden
moretie
mmm
menim sɛ nneɛma beberee adi atia yɛn na adesoa no nso eduru
nanso no ɛno mu nyinaa no
monhwɛ ewiase amansan nyinaa ani da yɛn so sɛ
sɛ wonim deɛ ɛnti a
obibini e sɛ woahunu ne fɛ

yɛn nananom abɛdi ewiase so adi dɛ de abakɔsɛm beberee agya ha
ɛno nti yɛyɛ adehyeɛ mo mmɔ hu na momma mo gyidie nhinhim da
ɛnkaa akyire na neɛ ɛwɔ yɛn anim na ɛdɔɔso
ɛno nti yɛnfa kwan no bɔkɔɔ bɔkɔɔ bɔkɔɔ na biribiara bɛkɔ fam
yɛnsa bɛka yɛn deɛ na nneɛma nyinaa bɛsesa

afei hwan na n’ani k_m
me deɛ m’ani k_m o
me deɛ m’ani nk_m
obiara ani k_m me koraa m’ani k_m
adeɛ asa adeɛ asa monkɔ da
yiee to wo bo to wo bo monto mo bo
yoo nyame mma yɛn ɔkyena nyame mma yɛn ɔkyena
menso m’ani k_m obiara ani k_m
yɛkɔda yɛkɔda
mabrɛ papa
me kɔ hyɛ dɛm

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...