kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

okomfour kwadee - kwadee ii lyrics

Loading...

[intro]
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ (yɛaboro a, yɛaboro, ei, hwɛ)
akpɛtɛhye o, guinness o (yɛaboro a, yɛaboro)

[verse 1]
ebuei! obiara ɛresu, “ebuei!
yɛ’ ne mo bɛkorɔ ei! yɛ’ ne mo bɛkorɔ ei!
aburokyirefoɔ ei! yɛ’ ne mo bɛkorɔ ei! agya ei!”
obi abawuo tue obi aso
aah! kɔɔayie atamfo, yɛabɔ dwa (ayɛ ka)
kɔɔayie adɔfoɔ nso abɔ dwa (mm_hmm)
akohwifoɔ, yɛabɔ dwa
nana bɛdiitɔ, bɛdiitɔ
ɔmanhene, kuro yi mu, ɔno nso, wabɔ dwa
kɔhwɛ ahemfie, ɔne mpanimfoɔ (hwɛ)
obi nka sɛ puduo nhye, ɛhye deaa, yɛdi dwo
nana kyeame, kyei menka
ɔse dea ayɛ yi deɛ, kɔɔayie, yɛngoro no atoprɛ (hwɛ!)
yɛbɔ mmɔden goro no atoprɛ a, aburokyirefoɔ wuo yi, yɛbɛhunu mu nokware (oh)
ɔka kɔsii sɛ, kɔɔayie kunu a ɔdi kan no, yɛfrɛ no antɔborɔ (saa?)
yɛse ankorɛ, na ɛsi ne yam
na ɔbɛwe nsa aboro a, agye ngrawa
kaе na ɛbɔɔ no, na akɔhwifoɔ siee no
wei nyinaa nti, yɛngoro no atoprɛ o
bɛdiitɔ, atoprɛ o
bɛdiitɔ aka ntam, ne nana, kɔkɔɔtɔ, ɔka ne nan, ɔbɛhwеhwɛm’ (ɔrehwehwɛm’)
ɔrefeefeem’, ɔredweedweem’, na ɔwie a, wabeem’, mm_hmm, na ɔbɛhunum’
kɔɔayie da adwaam’, montie, awerɛhoɔ a ɔredie, osuu, aah (oh)
[chorus]
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen

[verse 2]
sɛwoantie! (sɛwoantie)
kɔɔayie, metuu no fo, wantie, wawie (mm_hmm)
kɔ ne fie, kɔtie
atamfo rebɔ ose ma adɔfoɔ ka bi koraa a ɛnyɛ yie
akohwifoɔ rehwehwɛ abɛtwafoɔ (oh)
abɛ bɛwu deɛ, kookoo nwu, yɛwɔ ayiem’
ɔmo repɛ abɛtwafoɔ a yɛnhunu no ara na yɛde ho aniberɛ, yɛde kɔyeree kɔɔayie
yɛrebɛhwehwɛm’, wo nso wobɛkyerɛm’
wo nko ara w’abusua, mmaa na ɛyɛ yie, mmarima no, obiara mmɔ bra
wo kunu a ɔdi kan a wowaa’ noɔ, ɔyɛ antɔborɔ, ɔboro dodo, kyerɛm’
ɔwuuiɛ ara aah na wowaree kwadɛɛ, ɛkɔsii sɛn? ɔno nso a, b00boo
adɔfoɔ bi se yɛmpene, ɔmo mpene mma yɛmmɔ kɔɔayie kwaadu (ɔmo mpene)
ɔbaa yi wɔ kunu, kwadɛɛ, yɛnhwehwɛ no
yɛba a, ɔno nso bɛkyerɛm’
akohwifoɔ yi adwa, ɔmo se ɔmo rekɔ koo k_ma abɛ so
ɔhɔ deɛ nsa abu
ɔmo kɔɔeɛ a, koo k_m’, wayere kɔɔayie mmeranteɛ yi tawee, ɔmo de ka
ɔmo awe nsa ara aah firi anɔpa, mamfra abɛdua
biara, mmeranteɛ yi nim nsa dodoɔ a ɛwɔm’
ɔmo hunuu akohwifoɔ ara pɛ, ɛna yɛbɔ gyee so, “oseey yie ei, yɛbɛboro ei!”
yɛayɛ sramm, yɛredi adɛnkyekye
koo k_ma bɛyɛ abɛ, koo k_ma bɛyɛ nsa
mofiri fie na ɛreba yi? yɛn nkwan no, awe anaa? yɛrebisa, anaa aseɛ ahye? (aseɛ ahye)
yɛn papa, n’afuru yi, sɛɛ nkwan mu nam ara aah na ɔweɛ, ɛnora, yɛn ara na yɛkyeree no
monte? entutuo, yɛbɔɔ no ntutuo ma n’afono mu nam no, ɔporo guui
anɔpa yi ara na yɛreka no hyeɛ
koo k_ma bɛyɛ abɛ, koo k_ma bɛyɛ nsa
akohwifoɔ teeɛ ara aah na yɛbɔɔ hwii de mmirika kɔɔ fie na yɛkɔyii bɛdiitɔ asotire
yɛse mmeranteɛ atu mmire, yɛasan akyerɛ sie
kwadɛɛ, nkwan no, ɔnim ho bi
nana ei, yɛnhwehwɛ kwadɛɛ
maame kɔɔayie, ɛnsu bio (na yɛkye no a)
[chorus]
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen

[verse 3]
kwadɛɛ, yɛhia no (mm_hmm)
nana bɛdiitɔ hia no (mm_hmm)
ɛyɛ dahuro a yɛrebɔ, ɔte ase o, wawu o, wohyia no a, pira no
na ɔno koraa, ɔwɔ hen?
koo kwarteng kookoo afuo ase na kwadɛɛ, tɔtwem_tɔtwem, ɔda, ɔrehwan nkorɔmmo
ne bo atɔ ne yam
ɔwɔ hɔ ara na wabɔ piti, wasɔre, afɔ de no
anadwo adidie, woanhwɛ no yie a, ɛfa wo yam
kwadɛɛ se ɔreyɛ ne ho yie
wakɔkoto, wanhunu, nsansono
ɔkyemmoeɛ ara aah na ɛhyee no
n’ahan mu, amono mu hɔ ara, anhyehye
ɔte dede ne mmommome, “monkye no mpira no!” (yɛrebɛkye no apira no)
akohwifoɔ na ɛretwie, yɛse mompira no
kwadɛɛ hwɛ a, ɛkɔ ma no
ɔrepɛ adwane (hwɛ)
hen na ɔmfa? ɛ’mmɔbɔ
ɔredi atetɛ ara aah na yɛkyeree no
afei, n’ahan mu nsansono, ɛrehyehye no
yɛpaae no sotorɔ (mm_hmm)
yɛbɔɔ no abodwo de no kɔɔ ahemfie (kyei menka)
kyei menka hunuu no ara aah na ɔhuriiɛ
kwadɛɛ, mɛnkyerɛm’, yɛntie
yɛretwa w’ayaase mpire, baabi faako, yɛretwa hɔ ara aah mpire
kwadɛɛ anim nyinaa mfifire, ɔbram katakyie, yɛrebɔ ne to gya, ɛ’awerɛho o
ɔse, “m’ayaase deɛ, gyae, kyei menka, gyae
ɔhɔ nni adaagyeɛ, mepa wo kyɛw
nkwadaa no deɛ, nka menku wɔn, nka merepira wɔn
asian’ na ato meɛ, mesrɛ wo (mesrɛ wo)
bɛdiitɔ bɛyɛ ayie
ɔbɛyɛ aburokyirefoɔ ayie
ɔbɛyɛ adehye yie
ɔwie a, yɛahunu deɛ yɛbɛyɛ kwadɛɛ
kwadɛɛ, yɛnyɛ no deɛn?
akohwifoɔ, yɛagye ayie yi afa
nsa a yɛrenom, nwom a yɛretoɔ
[bridge]
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ (mam’ quarter, jortt one)
akpɛtɛhye o, guinness o, yɛn nyinaa yɛaboro
pɛɛ
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ
yɛn nyinaa yɛaboro pɛpɛɛpɛ (yɛaboro a, yɛaboro, ei, hwɛ)
akpɛtɛhye o, guinness o (yɛaboro a, yɛaboro)
yɛn nyinaa yɛaboro pɛɛ
hey, ɛyɛ, ɛyɛ, kommyɛ, ɛyɛ!
moaboro bi a, ɛyɛ, nana rebɛkasa, ɛyɛ!
kwadɛɛ, yɛakye no, ɛdeɛn na yɛmfa nyɛ no?
nsuo kyɛ toa mu a, ɛyi hwa
wei, ɛwɔ sɛ yɛtoa so
wei, yɛto ma mo, mobɛte me nka

[chorus]
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen

[chorus]
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen

[outro]
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen
me ara na mayɛ o, me ara na mayɛ
yɛkaaeɛ ara aah na mantie
me ara na mayɛ o
kwadɛɛ, wabu me gyen, ɛdwɛ, egyen

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...