kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

kojo antwi - ammrika lyrics

Loading...

[intro: kojo antwi & nana yaa]
oh, ah
ooh, ooh, ɔdɔ yi
ɔdɔ mu gu ahodoɔ o, ɔdɔ mu gu ahodoɔ o
ebi deɛ yɛ sika dɔ, ebi deɛ yɛ ahoɔfɛ dɔ
me dɔ yi yɛ ɔdɔ kann nti
sɔ me mu dɛkyɛdɛkyɛ te sɛ ahwehwɛ
ah, kyɛ_kyɛ

[verse 1: kojo antwi]
mfitiaseɛ no, dɛdɛɛdɛ, ɛnkɔ wie akyire no, yayaaya
ɛno deɛ mempɛ o
obi adane mr. otua, na obi tae akyire retwe current
ɛno yɛ asisie o

[pre_chorus: kojo antwi]
na sɛ mede m’akoma nyinaa ma wo ah
na woyɛ wo ho konongo kaya a
wo a, wonsoa, na womma obi nso nsoa
ɛnneɛ, na mɛyɛ me ho michael johnson

[chorus: kojo antwi]
ooh, girl, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ, ammirika o, oh
ooh, girl, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o, girl
[verse 2: nana yaa]
yeah, yeah
yeah, yeah
mfitiaseɛ no yɛ anigyeɛ, ɛnkɔ wie akyire no na anyinya
ɛno deɛ mempɛ o
yɛn ho mfifire a yɛde wo rekyinkyin yi ah
ɛnkɔ wie akyire na yɛaka wo ahyɛ danm’
ɛno yɛ asisie o, boy

[pre_chorus: nana yaa]
na sɛ meyɛ w’asɛdeɛ nyinaa ma wo ah
na wo nso woyɛ wo ho casanova ah
ɛnnɛ adwoa, ɔkyena akosua
ɛnneɛ, na mɛyɛ me ho marion jones

[chorus: nana yaa]
ooh, boy, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ, ammirika o, oh
ooh, boy, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o, boy

[chorus: kojo antwi & nana yaa]
ooh, girl, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ, ammirika o, oh
ooh, boy, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o, boy
[bridge: kojo antwi & nana yaa]
oh, ammirika, yeah_yeah
ooh_ooh, oh, oh, oh, ammirika

[interlude]

[verse 3: nana yaa & kwadwo antwi]
go, girl!
wogyegye me so a, mɛma wo ahomeka
wotene wo nsa bɔ me a, ɛbɛdane ɔkwaduo ammirika
m’akyiri mfuturo nko ara na wobɛhunu o (saa?)
ɔdɔ ei
wogo wo ho te sɛ agyinamoa a yɛasɔ n’aso a
ɔbaa hemaa, ɛno deɛ, mɛma wo ahomeka
na sɛ wodane ɔsebɔ deaa, ɔkwaduo ammirika o
m’akyiri mfuturo nko ara na wobɛhunu ah

[chorus: kojo antwi & nana yaa]
ooh, girl, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ, ammirika o, oh
ooh, boy, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o, boy
ooh, girl, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ, ammirika o, oh
ooh, boy, ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o, (better)
[refrain: kojo antwi & nana yaa]
ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o
ooh, ɔdɔ ei
ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o
ooh, ɔdɔ ei
ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o
ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o

[outro: kojo antwi & nana yaa]
ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o
ooh, ɔdɔ ei
ɛno deɛ ammirika o

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...