
daddy lumba - wo se kete a bae mu (alor) كلمات أغنية
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a, bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei_ei
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 1]
sɛ adeɛ sa a, ah
menam mu o, oh
sɛ ahum tu a_ah
menam mu o, oh
sɛ mehwenti a, mehwe ase a
wo dɔ na ɛma me ahoɔden o
mɛsɔre o, ɔdɔ mereba o
sɛ nsuo ‘tɔ a
menam mu o
ei, sɛ snow gu a, ah
menam mu o
sɔ awɔ kye me a, meyare a
ɔdɔ mpa so na menya ahomka o
nti mensuro o
ɔdɔ mereba o
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei (anadwo yi o)
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
anadwo yi o
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 2]
sɛ mekae nnoɔma bi a woyɛ me ao_oh, haha
me kwadwo ei, afa me tiri mu oh_oh
na mennim sɛ, ha
adeɛ bi wɔ hɔ a ɛ’dɛ, nso asikyire nnim o
no, me nsa anka a mɛwuo o
sɛ mebɛduru a, ɔdɔ ei, ka me ho hye o
na w’aniwamma yi
wohwɛ me a na mate aseɛ o
dum kanea yi
w’aniwamma hyerɛn sɛ nsoroma nti menhia kanea biara
wosɔ me mu a, na m’anum nsɛm asa o
bɔ me nnwom, ha, lumba nnwom, ma no nkɔ nyaa o_oh
na ɔdɔ pa, ɛne ɛnwom pa na ɛkorɔ o_oh
mɛyɛ w’akoa ao
ɔdɔ ei nea wopɛ nkoaa na mɛyɛ o
me kwadwo ei
woresɛe m’adwene o, haha
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei_ei
ao na ɔdɔ ei (mm_mm_mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei
aw lɔlɔ (mm_mm_mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
aw lɔlɔ (mm_mm_mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
lɔlɔ nyɔ (mm_mm_mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
[outro]
aw lɔlɔ (mm_mm_mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
كلمات أغنية عشوائية
- vali wsfbd - fluier كلمات أغنية
- spineless - electric soul كلمات أغنية
- честность (chestnost) - искренность (sincerity) كلمات أغنية
- cct - tylenol & self-care كلمات أغنية
- scott rill - lust كلمات أغنية
- brayden melvin - gemini* كلمات أغنية
- deevon - unforgiving. كلمات أغنية
- darkovibes - yao كلمات أغنية
- frxxer - money freedom كلمات أغنية
- dinner and a suit - sense and senses كلمات أغنية