kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

daddy lumba - hye woho den lyrics

Loading...

[verse 1]
yɛntɔ nsa nhyira yɛn busuefoɔ ei
nanso me mpaeɛ ne sɛ, “nyame nto m’atamfo nna mu o”
neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o, ei
na wahunu me nkɔsoɔ, ama wɔagye adi sɛ, oh

[pre_chorus]
nyame si wo hene a, me ba, fosu, ei
ɔtamfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di
gye di, gye di, agye nyame nko ara

[chorus]
tie, me tamfo, mma w’ani mmere me, ao (hyɛ den, hyɛ den)
hyɛ den, me tamfo ei (hyɛ wo ho den)
mehwe ase mpo a mɛsɔre o
hyɛ den, hyɛ den, agye nyame nko ara
tiе me tamfo, mma w’ani mmere mе ao (hyɛ den, hyɛ den)
me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den)
nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)

[verse 2]
boo, yɛnhyira yɛn busuefoɔ da o
nanso me mpaeɛ ne sɛ, “nyame nto m’atamfo nna mu, ao”
neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei
na wahunu me nkɔsoɔ, ama wagye nyame adi sɛ, oh_oh ei
[pre_chorus]
nyame si wo hene a, me ba, fosu, ei, deɛ
yie ei, na ɔtamfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di
gye di, gye di, agye nyame nko ara

[chorus]
tie me tamfo, mma w’ani mmere me, ao (hyɛ den, hyɛ den)
me hwe ase mpo a mɛsɔre, ao (hyɛ wo ho den)
nyame ampene so a, woboa o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)
mete so, mete so, mete so, eh, lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (hyɛ wo ho den)
nyame ampene so a, woboa o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei, oh (agye nyame nko ara)

[instrumental]

[verse 3]
momma me sapɔ ne samina o, ei
na mennware me ho fi wɔ badwa mu, ao
ɛwɔ amansan anim, wae?
sɛ mede nk_nt_mpo agye obi adeɛ da a
yie ei, mesi ho mmɔho_mmɔho wɔ awurade anim o
yie ei, yie ei, ao, agya
nti me papa a meyɛɛ amanfoɔ yi nyinaa
ɛho nnaaseɛ ne animguaseɛ deɛ a
mehyira mo kosɛ_kosɛ o
anka menyaa kɛterɛma apem ei
na manenanenam afie mu o, mayi m’ano akyerɛ amansan, nanso
nea yɛasɛe me akɔduru no o, ɛnsan nkɔduru hɔ ara o
kwadwo ei, medi ho yaw beberee
nti medeɛ me mpaeɛ a mebɔ ne sɛ
nana nyame nto m’atanfo nna mu ao, kwadwo ei
sɛ nea nkyɛnkyɛ wɔ n’afe nti, obiara bɛhunu bibiara mu nokore o, oh
sɛ menni fɛw ao, yie, m’awurade anim o
[chorus]
tie, me tamfo ei, mma w’ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den)
ghanafoɔ kyiri ɔmama o (hyɛ wo ho den)
nti gyedi sɛ eh (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)
ao, me tamfo ei, me tamfo bɛbrɛ wiase o (hyɛ den, hyɛ den)
boniayɛfoɔ ei (hyɛ wo ho den)
wiase yi mu, adidi daa na ɛyɛ o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)

[instrumental]

[verse 4]
aprapra nwowa nso ei, mese m’anum dɛ ntira o, oh
amansan yɛɛ o, kwadwo, ei
me deɛ me ah? madi hia pɛn, ao, oh, oh, me deɛ me ah?
mesan de akoma pa mawe o, ama saah, woaha me o, ah
mehunu sɛ obi ho rekyerɛ no a, na ɛyɛ me sɛ nea menyɛ nea mɛtumi biara
ɛmfa moa amansan a
nso papayɛ a meyɛ amanfoɔ nyinaa
animguaseɛ na megyeɛ o ɛwɔ amansan anim, ah
ɔberempɔn bɛn na wasi so yɛn man mu a, a moangu n’anim ase o
nti ɛnyɛ me nwanwa beberee
anokye dua borɔdeɛ anka ɔtwa no da no ara o
anwanwadeɛ bɛn na wanyɛ a? ɔyii sika dwa maeɛ o, asanteman
ɛnso ɔse ɔrekɔgye awieɛ aduro aba a
yie ei, ɔkɔeɛ na sɛ wamma biem a, ghanaman, yɛ nyaa bi kaeɛ o
menim sɛ me ne m’awurade ntam yɛ kann
mo a monam aseɛ moregu m’anim ase nyinaa ah_ei
atamfo ei, hyɛ den, hyɛ den, agye nyame nko ara
[chorus]
tie me, tamfo ei, mma w’ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den)
me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den)
nyame ampene so a, woboa o (hyɛ den hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)
mete so, mete so, mete so ei, lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei, mete so o (hyɛ wo ho den)
wonte aseɛ a wobrɛ kwa o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nkoara)
dan baafi ei (hyɛ den, hyɛ den)
ɔmama ho ahi kwa o (hyɛ wo ho den)
wose wobɛgu n’anim ase a, oh (hyɛ den, hyɛ den)
agye nyame nko ara
yie ei, me nua fosu ei (hyɛ den, hyɛ den)
sefwi ni abranteɛ ei (hyɛ wo ho den)
maame serwaa ei, wo boɔ nie o (hyɛ den, hyɛ den)
daddy ei (agye nyame nko ara)

[outro]
mete so, mete so, mete so ei, lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
mete so ei lumba ei (hyɛ wo ho den)
wonte aseɛ a woberɛ kwa (hyɛ den, hyɛ den)
agye nyame nko ara
mete so, mete so, mete so ei, lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
mete so ei lumba ei
wonte aseɛ a…

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...