kalimah.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

daasebre gyamenah - obaa ben ni lyrics

Loading...

[verse 1]
muscatella, mirinda, honey
e’biara nni hɔ a ne dɛ te sɛ ɔno o
mese, m’adepa bi a ɛyeraa dadaada no
saa na aha na abɛpue
nti asew akɔnɔakɔnɔ, ka biribi kyerɛ me ɛ?
ɛfa m’adepa a abɛpie ha yi
hmm, dea mereka nyinaa, mepɛ sɛ me kyerɛ sɛ
hwan na ne ba baa nie?
ao ?, e_yeah
anokwa, mehunuu no no, me yam hyee me
buei! ɔbaa bɛn ni?
mede akokoduro kɔbisaa ne din
ma no yii m’ano sɛ, yɛfrɛ no nana ama
fa me kɔ, na menkɔ hunu w’agya fie
mepɛ sɛ mebisa maame asɛm
sɛ yɛkɔ na sɛ mekɔhu maame a, mɛka sɛ
“baabi a, ɔda woo wo no, ɔnna hɔ biom”

[pre_chorus]
firi sɛ, ɔdɔ bi da nso, ao
hwana na ne ba baa nie?

[chorus]
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
[verse 2]
adekyinkyin, kyinkyin, adane m’adwen
me nsusuiiɛ nyinaa aka me tiri mu o
firisɛ ɔbaa ahoɔfɛfoɔ a ɔte sɛ yei deɛ
ne ho ka deɛ, agye sɛ sika korabea baatan
saa yɛnhwɛ onipa anim mmu atɛn
yɛn nananom kasa, ɛmu yɛ duru o
ampa sɛ, yɛka sɛ, “bankye nyɛ a, ah_ah
saa na egya na ɛbɛkyere nti”
megyeegyaa me ho a nka mato me ho agu o, ho, ho, ho
mese nka, mato me ho agu o
awareɛ mu anigyie deɛ, menhyia biom
adehyeɛ mma ei, m’aka dada sɛ
“yɛmfa ahoɔfɛ nkɔ awareɛ ei”
nanso ɔbaa bi a, mabɛhyia no no
ahoɔfɛ ne suban deɛ, ɔfa no kwa
ɔsiesie ne ho na sɛ ɔrefiri adi a
buei! sɛ deɛ yɛrehwɛ no ara ni
ahwehwensin a ɔbɛtutu agu ne ho deɛ
ɔfiti kuro ti a, na ne ho agye afiefie mu

[pre_chorus]
mm, ɔdɔ bi da nso, ao
hwan na ne babaa nie?

[chorus]
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
[instrumental]

[verse 3]
asiakwaa ei, me dada mu ara o
obi ntumi nnane me akyenkyena
firi sɛ, ano da hɔ a, ɛkeka nsɛm nti no
nea wobɛte biara, ɛyɛ a fa w’ani to fam
afei sɛsɛɛ, me nso mɛto aboa, woate?
ma no afrɛ me daddy
anokwa, sɛ deɛ mereka nyinaa ba mu a
kwadwo, mɛto ne din nyamekyɛ
mm, firi sɛ, nyankopɔn akyɛ me adeɛ o
ɛwɔ me wiase a, mebaaɛ yi mu

[chorus]
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
[outro]
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ (wo suban ne wo nneyɛɛ a)
ampa sɛ (obi nnim a, obi kyerɛ)
mepɛ sɛ (mekɔbisa maame sɛ)
maame sɛ (ne ba, ba baa bɛn nie?)
sɛ mehwɛ

كلمات أغنية عشوائية

اهم الاغاني لهذا الاسبوع

Loading...